Afe biara mmoa a ԑfiri aban nkabom hↄ dɔla ɔpepepeepee hyɛ ayaresabea ahodoɔ, dumgya atenaeɛ, sukuu, akwan, ɛna nneɛma nkaeɛ a ɛgyina nnipakan no so nsunsuansoɔ nsɛm so.
Nnipakan so nsunsuansoɔ na ɛkyerɛ nkonwa dodoɔ a mantam biara wɔ wɔ Abadwafoↄ, ɛna ɛno nso na wɔgyina so de kyerɛ mansini biara wɔto aba no hyeɛ ano.
United States Mmarakunini: Article 1, Section 2, nso hyɛ sɛ ɛsɛ sɛ United States yɛ nnipakan a wɔwɔ oman no mu mfeɛ du biara. Adekan a ɛdi kan no kɔɔ so wɔ afe 1790 mu.
Mmara hyɛ Nnipakan Asoeɛ sɛ wɔmmɔ wo nyiano ho ban na wɔnkora wo nsɛm no kokoam. Nokwasɛm ne sɛ, adwumayɛni biara adi se aka ntam sɛ wɔbɛbɔ wo ho nsɛm ho ban afebɔɔ.
Ɛwɔ U.S. Mmara Ti 13 mmara no mu no, Nnipakan Asoeɛ ntumi mfa nsɛm a ɛfa wo ho, wo fie ho, anaa w’adwuma ho mma mpo mmara adwumakuo biara. Mmara no hwɛ sɛ kokoam nsɛm a ɛfa wo ho no yɛabɔ ho ban ɛna wo nyiano no nso aban asoeɛ anaa asennibea biara ntumi nnyina so mmɔ wo kwaadu.
Yei yɛ daadaa nhyehyɛeɛ a ɛfa 2020 Nnipakan no ho. Wobɛhunu nnipakan adwumayɛfoɔ wɔ wɔ beaeɛ a woteɛ no wɔ botaeɛ binom nti:
Wɔ Kɔtɔnimma 2020 mu no, nnipakanfoɔ no bɛhyɛ aseɛ asra afiefie a wɔnyii nsɛm a ɛfa 2020 Nnipakan no ho ano ahwɛ sɛ yɛakan obiara.
Wobɛtumi aboa wɔ berɛ a worebɔ Nnipakan Asoeɛ nkaebɔ ne nsɛm dawuro akyerɛ wo nnamfonom, w’abusua, ne wɔn a wɔdi w’akyi wɔ Facebook, Twitter, ne Instagram so no.
Nnwumakuo akɛseɛ, wɔn a wɔnhyɛ aban ase, mmarahyɛfoɔ, ne ankorɛankorɛ ɔha ɔha rebɔ 2020 Nnipakan no dawuro ne sɛnti a ehia sɛ wode wo ho hyɛ mu.
Nnipakan Asoeɛ bɛma akadeɛ a ɛfa 2020 Nnipakan no ho na aboa wo ama woatumi adi dwuma wɔ kuro.